Psalms 18

Dawid nkonimdi dwom

1Sɛnea medɔ wo fa no,
Awurade!
Wone me gyefo.
2 Awurade ne me gyefo; ɔno ne mʼabankɛse.
Me Nyankopɔn ne me guankɔbea; enti sɛ mewɔ ne nkyɛn a, bɔne renka me.
Ɔbɔ me ho ban sɛ kyɛm.
Ɔbɔ me ho ban de me sie dwoodwoo.
3Mefrɛ Awurade, na ogye me fi mʼatamfo nsam.
Monkamfo Awurade!
4Owu guu me nkɔnsɔnkɔnsɔn.
Ɔsɛe asorɔkye bɔ faa me so.
5Owu guu me nkɔnsɔnkɔnsɔn maa damoa sum me afiri.
6Me haw mu, misu frɛɛ Awurade.
Mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa.
Nʼasɔrefi hɔ, ɔtee me nne.
Otiee me sufrɛ boaa me.
7Afei asase wosowee biribiri.
Mmepɔw fapem wosowee efisɛ, na Onyankopɔn bo afuw.
8Wusiw fii ne hwene mu.
Na ogyaframa ne gyabiriw a ɛredɛw fii nʼanom.
9Ɔpaee ɔsoro mu abien, na ɔnam mu baa fam a omununkum aduru ne nan ase sum.
10Otuu ntɛm so wɔ abɔde bi ntaban so; ɔnam mframa ntaban so kɔe.
11Ɔde sum kataa ne ho.
Omununkum a ɛyɛ duru na nsu a ahyɛ ma twaa ne ho hyiae.
12Asukɔtwea ne ogya dɛw fi aprannaa a edi nʼanim no mu pae faa omununkum no mu.
13 Awurade paee aprannaa fi soro, na wɔtee Ɔsorosoroni no nne.
14Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ nʼatamfo hwetee; ɔpaee aprannaa ma woguanee.
15Ɛpo no so daa hɔ na asase fapem so nso daa hɔ, bere a wokaa wʼatamfo anim,
Awurade, na wopɔɔ wɔn so abufuw mu no.
16 Awurade fi soro bae besoo me mu; ɔtwee me fii nsu a emu dɔ mu.
17Ogyee me fi atamfo a wɔn ho yɛ hu ne wɔn a wɔtan me nsam efisɛ, na wɔyɛ den dodo ma me.
18Bere a mewɔ ɔhaw mu, wɔbaa me so, nanso Awurade bɔɔ me ho ban.
19Ogyee me fii amane mu.
Ogyee me efisɛ, nʼani sɔɔ me.
20 Awurade tuaa me ka efisɛ, meyɛ nea ɛteɛ.
Ohyiraa me efisɛ, menyɛ bɔne.
21Madi Awurade mmara so.
Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho.
22Madi ne mmara nyinaa so.
Menyɛɛ ne mmara ho asoɔden.
23Onim sɛ mfomso nni me ho; onim sɛ menyɛ bɔne.
24Ɛno nti, otua me ka efisɛ, meyɛ ade trenee; na onim nso sɛ menyɛ bɔne.
25O Awurade, wudi nokware kyerɛ wɔn a wodi wo nokware, na wuye ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
26Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn, na wo bo fuw wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ.
27Wugye ahobrɛasefo nkwa na wobrɛ ahantanfo ase.
28O Awurade, woma me hann; wopam me sum.
29Woma me ahoɔden de kɔ mʼatamfo so, na wosan ma me tumi de di wɔn so.
30Onyankopɔn, wo nneyɛe yɛ pɛ!
Wo nsɛm nni huammɔ.
Ɔte sɛ kyɛm ma wɔn a wɔpɛ ne hɔ guankɔbea.
31 Awurade no nko ne Onyankopɔn, na Onyankopɔn nko ne yɛn gyefo.
32Ɔno ne Onyankopɔn a ɔhyɛ me den na ɔma me kwan yɛ dwoodwoo.
33Ɔkyerɛ me nan kwan sɛ ɔforote.
Ɔma me tena dwoodwoo wɔ mmepɔw mu.
34Ɔkyerɛ me akodi sɛnea metumi de agyan a ɛyɛ den ako.
35O Awurade, wobɔ me ho ban, gye me nkwa.
Wo hwɛ ama mayɛ kɛse.
Wo tumi agye me nkwa.
36Woabɔ me ho ban afi ɔkyere mu na menhwee ase.
37Metaa mʼatamfo kyere wɔn.
Menhome kosi sɛ mɛsɛe wɔn.
38Mebɔ wɔn hwe fam na wontumi nsɔre.
Wɔda hɔ nkogu mu wɔ mʼanim.
39Woma me ahoɔden de ko ɔko no ma midi mʼatamfo so.
40Woma mʼatamfo guan fi me ho; mesɛe wɔn a wɔtan me.
41Wosu pɛ mmoa nanso obi mmegye wɔn.
Wɔfrɛ Awurade nanso ommua wɔn.
42Meyam wɔn ma wɔyɛ sɛ mfutuma a mframa bɔ gu.
Mitiatia wɔn so sɛ ɔkwan mu atɛkyɛ.
43Wugyee me fii adɔnyɛfo nsam ma midii amanaman so; nnipa a minnim wɔn mpo abɛyɛ mʼasomfo.
44Amanfrafo kotow mʼanim; wɔte me nne a, wotie mʼasɛm.
45Wɔn akokoduru sa na wofi wɔn abankɛse mu ba ahopopo so.
46 Awurade te ase!
Kamfo me gyefo!
Pae mu ka Onyankopɔn a ogye me nkwa no kɛseyɛ.
47Ɔma midi mʼatamfo so nkonim; ɔbrɛ aman a wɔhyɛ mʼase no ase.
48Ogye me fi mʼatamfo nsam.
O Awurade, ma minni mʼatamfo so nkonim, na bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam.
49Ɛno nti, mekamfo wo wɔ aman so.
Meto ayeyi dwom ma wo.
50Onyankopɔn ma ne hene di nkonim akɛse; daa ɔda ne dɔ adi kyerɛ nea wayi no,
Dawid ne nʼasefo daa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK